TRANSLATOR: Kwadwo Opoku-Agyemang)
LANGUAGE: AKAN
DIALECT: ASANTE-TWI
REGION: GHANA/IVORY COAST
 
DR. T AFUTUO A EFA YAREE BONE AHODOO HO, SE BARIMA DE NE HO KA OBAA BASIA
 
GONORRHEA NE CHLAMYDIA
  • Nea ede saa yaree yi ba ene "bacteria" mmoa-moaa; se wone obi da a, ebedi beye nnansa kosi naawotwe ansaana yaree no ayi ne ho adi.
  • Se wo ye barima a, wo be hu se ensuo fitaa bi be fi wo kote mu. Dwonso nso ye ya. Yaree no ano tumi ye den, anaase ebetumi aye bokoo.
  • Se wo ye obaa a, yaree no entae enyi n'anim. Nanso se w'anye eho bibiara a, etumi dane yaree bone. Yaree yi tumi twa obaa awoo.
  • Se wo hu no ntem a, aduro a yefre no "antibiotics" tumi tu yaree yi ase.
HERPES
  • Yaree yi ano enni aduro. Nea ede ba ye emmoa bi a yefre won "virus germ".
  • Wo ne obi a owo yaree yi bi daa, ebedi nansa ereko ennadu no, wo be hu ase wanya bi.
  • "Herpes" enhyeasee ete se mpompo nketenkete a epaepee na eye se ekuro. Enkye na entwa afa so.
  • Afei, efi beye enna enum kosi enna dunnum so no, na ekuro no aye se awu koraa.
  • Enso eno nkyere se yaree no ko. Ewo mu a, ebe sane aba.
  • Se wo ye oba basia a, wonhu yaree no ho nsenkyerene biara, efiri se yaree no tena obaa ne twe mu.
YEAST INFECTION
  • Nea ede yaree yi ba ne mmoa-moaa bi a yefre won "fungus".
  • Se wo ye barima a, ema wo kote ano tumi keka wo. Etumi ma wo kote ano ye kokooko.
  • Se wo ye obaa nso a, ensuo fitaa bi a eye tinann fi wo twe mu.
  • Aduro bi a yefre no "anti-fungal cream/pill" tumi yaree yi. Etumi tu n'ase.
HEPATITIS
  • Yaree bone bi a etunii ka "liver".
  • Etumi de atiridii, ayemkeka, obre dodoo, ani ne honam a aye se nea abre eba i afei etumi ma dwonsoo anim ye tumm.
  • Se wonya sa yaree yi a, ehia se wo home. Afei nso ntetee bi wo ho etumi boa se nea wonnya yaree yi bi.
SYPHILIS
  • Nea ede yaree yi ba ye "bacteria" (germ). Se wo ne obi a owo yaree no da a, edi beye naawotwe mmiensa kosi bosome mmiensa ansa na yaree no ayi neho adi.
  • Ekuro no ba a, eye ne ho se tokuro bi a ewo honam mu a epo wo ano. Ekuro no nnye ya.
  • Naawotwe kakraa bi akyi no, nkuro no nyinaa yera; enso yaree no tena wo mu. Akyire yi, yaree no san ba a, na aye se nsoa a ate agu wo no nyinaa.
  • Nsoa yi nso tumi yera koraa; enso afe-afe akyi, yaree no tumi san ba. -Se wo ye obaa basia a, yaree no tena wo twe mu.
  • Aduro a etumi "syphilis" ene "penicilin".
VAGINITIS
  • Eye yaree bi a ema obaa basia twe mu fi nsuo. Ekeka, na ebon nso.
  • Nea ede yaree yi ba ye: "Gonorrhea", "Chlamydia" anaa "yeast".
  • Afei nso emmoa bi a yefre won "trichomonas" anaa se "bacteria" bi a ewo emaa ho tumi deba.
  • Se wo pe se wohu se obaa bi wo yaree yi bi a, esese wo hwehwe ne ho nsuo mu wa "microscope" ase.
  • Yaree no ho nnuro pii wo ho, nanso esese wohu yaree no ase ansa.
GENITAL WARTS
  • Nea ede yaree yi ba ye "virus" bi a yefre no "Human Papilloma Virus" HPV.
  • Se wone obi a owo bi da a, wonya mpompo wo wo twe mu anaa wo kote ho. Edi beye bosome anaa afe ansa na mpompo no aba.
  • Se wo ye obaa basia a, yaree no si wo twe mu, enti wontumi nnhu. Se wo ye barima nsoa, wontumi nnhu mpompo no, efiri se eye nketenkete. Wo pe se wo hu yaree no suban a, ese se wo de "vinegar wrap" eso hwe.
  • Eye yaree bone ma emaa, efise etumi de "cervical cancer" ba.
  • Yaree yi ano wo aduro. Se wo ye oba basia na se wone obi foforo da a, ese se wo ko ayaresabea ekoye "pap smear".
PUBIC LICE (CRABS)
  • Edwie nketenkete bi a etena etwe anaa kotee so, wo enwi no mu.
  • N'aduro ho nnye na. Aduro no tese nsuo a wo de gu kote anaa etwe nnwi no so.
SCABIES
  • Ete se edwie, nanso won ye nketenkete paa, enti ani ntumi nnhu won. Won hyehye honam ase.
  • Won ma nkuro nketenkete bi a ekeka paa. Ema wo honam nyinaa keka wo.
  • Aduro bi wo ho a ete se nsuo, na wo de sra wo honam nyinaa.
  • Se wo pe se wotu "scabies" ase a, ese se wo si wo ntoma, ene wo towuro, ene wo nkete nyinaa. Ese se wo horo wo ho ntama nyinaa.
AIDS (ACQUIRED IMMUNE DEFICIENCY SYNDROME)/HIV DISEASE
  • Yaree yi nyinaa mu yaree bone, ene AIDS. Se wonya AIDS a, wo nipa dua entumi emmo ne ho ban. Yaree biara tumi ka wo, tumi ku wo.
  • Se wo nya AIDS a, wonnya nsenkyerene biara. Se obi nya AIDS, nea wobeye a wobetumi ahu ne se w'akoye HIV mogya sohwe.
  • Se wonya AIDS a etumi ka wo emfe edu akyi. Edi mfe du ansa na yaree no ayi n'anim. Nansa yi ennuro wo ho a etumi AIDS.
  • Nea ekofa AIDS eba ne se wo ne obi a owo be beda, anaase wobegye obi panee de awo wo ho.

 
Translation Notes:
 
1. Certain Akan letters are not available to theEnglish alphabet on the keyboard, and therefore have been replaced with the next closest letters. Twi readers should have little or no difficulty in makingout this minor but unavoidable adjustment in orthography.
 
2. I did not have the Twi word for "liver".
 

[ home | info | std guide | news | links | site map ]

(c) 2000 Health Awareness Connection